-
Hebrifo 9:24-26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Na Kristo ankɔ kronkronbea a wɔde nsa yɛe,+ a na egyina hɔ ma kronkronbea paa no+ mu, na mmom ɔkɔɔ ɔsoro ankasa.+ Ɛno nti seesei wakopue Onyankopɔn anim ama yɛn.+ 25 Wankɔ sɛ ɔde ne ho rekɔbɔ afɔre mpɛn pii, te sɛ nea na ɔsɔfo panyin no de mogya a ɛnyɛ ɔno ara ne mogya kɔ kronkronbea hɔ afe biara+ no. 26 Anyɛ saa a, anka gye sɛ ohu amane mpɛn pii fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase no.* Nanso afei de, wayi ne ho adi prɛko wɔ wiase yi* awiei bere mu sɛ ɔnam afɔre a ɔde ne ho bɔe no so beyi bɔne afi hɔ.+
-