27 “Bosome a ɛto so ason yi da a ɛto so du no de, ɛyɛ Mpata Da.+ Ɛyɛ nhyiam kronkron ma mo; munni awerɛhow,+ na mommɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. 28 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa da yi, efisɛ ɛyɛ da a wɔbɛpata ama mo+ wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim.