Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 15:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 “Sɛ wudu asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na ehia wo nua bi wɔ wo kurom a, mmɔ wo nua hiani no atirimɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ no so.+

  • Dwom 41:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 41 Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ;+

      Edu ahohia da a Yehowa begye no.

  • Dwom 112:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  5 Ɔbarima a oyi ne yam* de ade fɛm nkurɔfo no, esi no yiye.+

      י [Yod]

      Atɛntrenee mu na ɔyɛ ne biribiara.

  • Mmebusɛm 3:27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Wɔn a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔn papa no, mfa nkame wɔn,+

      Bere a wowɔ tumi* a wode bɛboa no.+

  • Mmebusɛm 19:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Nea ɔdom mmɔborɔwa no, ɔde bɔ Yehowa bosea,*+

      Na nea wayɛ no, Ɔbɛhyɛ no ananmu.*+

  • Marko 14:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Ahiafo de, wɔwɔ mo nkyɛn daa,+ na bere biara a mopɛ no, mubetumi ayɛ wɔn papa, na me de, ɛnyɛ daa na mɛwɔ mo nkyɛn.+

  • Asomafo Nnwuma 11:29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Enti asuafo no yɛɛ adwene sɛ, nea obiara betumi biara,+ ɔde bɛba ama wɔde akɔboa*+ anuanom a wɔwɔ Yudea no.

  • 1 Timoteo 6:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam,* wɔnkyɛ ade,+

  • 1 Yohane 3:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Sɛ obi wɔ wiase ahonyade, na ohu sɛ ahia ne nua, na wanhu no mmɔbɔ a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ te ne mu?+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena