12 Yehowa bebue ɔsoro adekoradan a nneɛma pa ahyɛ mu ma ama wo, na watɔ osu agu w’asaase so wɔ ne bere mu,+ na obehyira nea woyɛ nyinaa so. Wobɛma aman bebree bosea, na wo de, woremmɔ obiara hɔ bosea.+
23 Na ɔbɛma osu atɔ agu w’aba a woadua wɔ asaase mu no so,+ na aduan a w’asaase bɛbɔ no bɛdɔɔso na ɛbɛmee wo.*+ Saa da no, wo mmoa benya asaase tɛtrɛɛ adidi so.+