11 Nanso sɛ ɛyɛ aboa a ne ho ntew+ a wontumi mfa mmɔ afɔre mma Yehowa a, ɛnde ma ɔmfa aboa no mmegyina ɔsɔfo no anim. 12 Afei ɔsɔfo no nhwɛ sɛnea aboa no te, sɛ eye oo, sɛ enye oo, na ɔnkyerɛ ne bo. Nea ɔsɔfo no bɛka na ɛbɛyɛ ne bo.
18 Sɛ Ahofadi Afe no akyi na ohyiraa n’asaase no so a, ɔsɔfo no nhwɛ mfe a aka ansa na Ahofadi Afe asan adu na ɔmfa nsese ne bo. Ɔbɛhwɛ mfe a aka no na watew ne bo so.+