-
Numeri 28:11-13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 “‘Bosome biara da a edi kan no, momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini baako ne adwennini nkumaa ason a wɔte apɔw a wɔn mu biara adi afe mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa,+ 12 na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abiɛsa a wɔde ngo afra nka nantwinini biara ho mmɔ aduan afɔre,+ na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu abien a wɔde ngo afra nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre.+ 13 Na momfa esiam muhumuhu nkyem du mu baako a wɔde ngo afra mmɔ aduan afɔre nka odwennini kumaa biara ho, na wɔmfa mmɔ ɔhyew afɔre, afɔre huamhuam,*+ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.
-