-
Leviticus 23:27-31Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 “Bosome a ɛto so ason yi da a ɛto so du no de, ɛyɛ Mpata Da.+ Ɛyɛ nhyiam kronkron ma mo; munni awerɛhow,*+ na mommɔ afɔre a wɔde ogya hyew mma Yehowa. 28 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa da yi, efisɛ ɛyɛ da a wɔbɛpata ama mo+ wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim. 29 Obiara* a wanni awerɛhow* saa da no, wobekum no.*+ 30 Na obiara* a ɔbɛyɛ adwuma biara saa da no, mekum no. 31 Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara. Na baabi a mobɛtena biara, eyi yɛ ahyɛde a mubedi so daa wɔ mo awo ntoatoaso nyinaa mu.
-