13 Na mede Gilead asaase a aka ne Og ahemman a ɛwɔ Basan nyinaa ama Manase abusuakuw no fã.+ Argob a ɛka Basan asaase ho no nyinaa, edin a na wɔde frɛ hɔ ne Refaim asaase.
31 Na Gilead fã, ne Astarot ne Edrei+ nkurow a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kodii Manase ba Makir mma+ nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛnea wɔn mmusua te.
17Na ntonto no+ yii Manase+ abusuakuw no de maa wɔn, efisɛ ɔno ne Yosef ba panyin.+ Manase ba panyin Makir+ a ɔyɛ Gilead papa no nyaa Gilead ne Basan+ efisɛ na ɔyɛ ɔsabarima.