-
Numeri 3:25, 26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Adwuma a wɔde hyɛɛ Gersonfo+ no nsa wɔ ahyiae ntamadan no mu ne sɛ wɔbɛhwɛ ɔsom ntamadan no, ne emu ntama,+ ne ntama a ɛkata ho,+ ne ntama*+ a ɛsɛn ahyiae ntamadan no kwan ano, 26 ne ntama* a ɛsensɛn adiwo no ho,+ ne ɔsom ntama*+ a ɛwɔ adiwo no ano, adiwo a ɛwɔ ɔsom ntamadan no ne afɔremuka no ho no, ne ɛho nhama, ne eyinom ho adwuma biara.
-
-
Numeri 4:24-26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Adwuma a Gersonfo mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa ni:+ 25 Wɔbɛsoa ɔsom ntamadan no ho ntama,+ ne ahyiae ntamadan no ho ntama, ne ne nkataso, ne sukraman nhoma nkataso a egu so,+ ne ntama a ɛsɛn ahyiae ntamadan no kwan ano,+ 26 ne ntama a ɛsensɛn adiwo no ho,+ ne ntama* a ɛwɔ adiwo no ano,+ adiwo a ɛwɔ ɔsom ntamadan no ne afɔremuka no ho no, ne ɛho nhama, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma.
-