3 na wɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: “Sɛ muhu sɛ Lewifo asɔfo no so Yehowa mo Nyankopɔn apam adaka no a,+ ɛhɔ ara, mumfi baabi a mowɔ no na munni akyi. 4 Nanso momma kwan bɛyɛ basafa 2,000 nna mo ne apam adaka no ntam; mommmɛn ho, na ɛbɛma moahu ɔkwan a mobɛfa so, efisɛ momfaa ɔkwan no so da.”