21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan awia,+ na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantewee awia ne anadwo.+
33 Enti wofii ase nantew fii Yehowa bepɔw no+ ho twaa nnansa kwan, na Yehowa apam adaka no+ dii wɔn anim wɔ nnansa akwantu no mu hwehwɛɛ baabi a wɔbɛsoɛ.+34 Sɛ wotu fi baabi a wɔakɔsoɛ no a, na Yehowa mununkum+ kata wɔn so awia.