17 Ne saa nti, ɛho behiae sɛ ɔyɛ sɛ ne “nuanom” wɔ ade nyinaa mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ ɔsɔfo panyin mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu, na wabɔ ɔman no bɔne+ ho mpata afɔre.+
2Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo* bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni+ Yesu Kristo.+2 Ɔyɛ mpata afɔre+ ma yɛn bɔne;+ ɛnyɛ yɛn nko ara de, na mmom wiase nyinaa nso de ka ho.+