28 Gye asraafo a wɔkɔɔ ɔko no hɔ tow ma Yehowa. Nnipa 500 biara, gye ɔkra baako; anantwi 500 biara, gye ɔkra baako; mfurum 500 biara, gye ɔkra baako, na nguan 500 biara, gye ɔkra baako. 29 Munyi mfi kyɛfa a wonyae no mu, na fa ma ɔsɔfo Eleasar sɛ ntoboa a wɔde rema Yehowa.+