-
Numeri 13:23-27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Bere a wobeduu Eskol Bon* ho no,+ wotwaa bobe nkorabata bi a bobe siaw wɔ so. Wɔde hyɛɛ dua bi so, na mmarima no baanu na etumi soae; wɔde ɛhɔ granate akutu* ne borɔdɔma aba no bi kaa ho.+ 24 Bobe siaw a Israelfo twae wɔ hɔ nti, wɔtoo hɔ din Eskol* Bon.*+
25 Nnafua 40 akyi no,+ wofii asaase a wɔkɔhwɛɛ so no so bae. 26 Enti wɔsan baa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa nkyɛn wɔ Paran sare so wɔ Kades.+ Wɔbɛkaa nea wohui kyerɛɛ asafo no nyinaa, na wɔde asaase no so nnɔbae no kyerɛɛ wɔn. 27 Nea wɔka kyerɛɛ Mose ni: “Yɛkɔɔ asaase a wosomaa yɛn so no so, na ampa, nufusu ne ɛwo abu so wɔ so,+ na ɛso nnɔbae no bi ni.+
-