22 Bere a wɔforo kɔɔ Negeb no, wokoduu Hebron.+ Ɛhɔ na na Ahiman, Sesai, ne Talmai+ a wɔyɛ Anakfo+ no te. Hebron kurow no, wɔkyekyee no mfe ason ansa na wɔrekyekye Soan a ɛwɔ Egypt no.
21 Saa bere no, Anakfo+ a wɔwɔ mmepɔw mu, wɔn a wɔwɔ Hebron, wɔn a wɔwɔ Debir, wɔn a wɔwɔ Anab, wɔn a wɔwɔ Yuda mmepɔw mu nyinaa, ne wɔn a wɔwɔ Israel mmepɔw mu nyinaa, Yosua hyew wɔn ase. Yosua sɛee wɔne wɔn nkurow pasaa.+