10 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Sɛ munya du asaase a mede rema mo no so na mutwa ɛso nnɔbae a, momfa mo aba a edi kan+ a moaboaboa ano atifi atifi no baako mmrɛ ɔsɔfo no.+
8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfo de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfo de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+
5 Bere a Israelfo no tee asɛm no ara pɛ, wɔde hwiit,* bobesa foforo, ngo, ɛwo, ne afuw mu nnɔbae nyinaa mu nea edi kan ne nea ɛyɛ papa bae ma ebuu so.+ Wɔde saa nneɛma yi nyinaa so ntotoso du du bae.+