28 “‘Nanso sɛ obi yi n’agyapade bi si hɔ sɛ ɔde ama* Yehowa korakora a, ɛyɛ onipa oo, aboa oo, n’asaase oo, obiara rentumi ntɔn, na ɔrentumi nnye bio nso. Biribiara a wɔayi asi hɔ no yɛ ade kronkron paa ma Yehowa.+
11 Eyinom nso yɛ mo dea: Akyɛde a wɔde ba,+ ne Israelfo ohim afɔre+ nyinaa. Mede ama wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmea a wɔka wo ho no sɛ mo kyɛfa daa.+ Obiara a ne ho tew wɔ wo fi betumi adi bi.+
26 “Ka kyerɛ Lewifo no sɛ, ‘Israelfo no de wɔn nneɛma mu nkyem du mu baako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapade.+ Na mo nso, monkyɛ nea mo nsa bɛka no mu du, na momfa baako nyi ntoboa mma Yehowa.+