55 Bere a Saul hui sɛ Dawid refi adi akohyia Filistini no, obisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hena ba ne aberantewa yi?”+ Abner buae sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wote ase yi,* minnim!”
5 Akyiri yi, Dawid kɔɔ baabi a Saul akɔsoɛ no. Ná Saul ne Ner ba Abner+ a ɔyɛ ne sahene no ada, na Dawid kohuu baabi a wɔda; baabi a na Saul da no, na n’asraafo no atwa ne ho ahyia.
5 “Seruia ba Yoab nso, wo ara wunim nea ɔde yɛɛ me; wunim nea ɔde yɛɛ Israel asahene baanu, Ner ba Abner+ ne Yeter ba Amasa.+ Okum wɔn, na ɔkaa mogya gui+ asomdwoe bere mu te sɛ ɔko bere. Ɔde ɔko mogya kekaa n’abɔso ne ne nan ase mpaboa mu.