25 Amasa+ na Absalom de no sii Yoab ananmu yɛɛ no asraafo so panyin.+ Amasa yɛ Israelni barima a wɔfrɛ no Yitra no ba; ɔne Abigail+ na wɔwoo no. Abigail nso yɛ Nahas ba, na ɔsan yɛ Yoab maame Seruia nuabea.
10 Amasa adwene ankɔ sekan a ɛwɔ Yoab nsam no so, na Yoab de wɔɔ ne yam,+ na ne nsono tu guu fam. Esiane sɛ na ɔrewu nti, wansan amfa sekan no anwɔ no bio; ɔde wɔɔ no baako pɛ. Ɛnna Yoab ne ne nua Abisai kotiw Bikri ba Saba.