27 Bere a Abner san baa Hebron no,+ Yoab de no kɔɔ kurow pon no ano sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no wɔ kokoam. Nanso ɔde peaw wɔɔ ne yam wɔ hɔ ma owui.+ Ne nua Asahel a okum no* nti na ɔyɛɛ saa.+
5 “Seruia ba Yoab nso, wo ara wunim nea ɔde yɛɛ me; wunim nea ɔde yɛɛ Israel asahene baanu, Ner ba Abner+ ne Yeter ba Amasa.+ Okum wɔn, na ɔkaa mogya gui+ asomdwoe bere mu te sɛ ɔko bere. Ɔde ɔko mogya kekaa n’abɔso ne ne nan ase mpaboa mu.