-
Yosua 16:5-8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Asaase a Efraim asefo nyae sɛnea wɔn mmusua te ni: Wɔn agyapade no hye a ɛwɔ apuei no fi Atarot-Adar+ de kosi Atifi Bet-Horon,+ 6 na ɔhye no kɔfa po no ano. Atifi fam nso, na ɔhye no fa Mikmetat,+ na ɛkɔntɔn fa apuei kɔ Taanat-Silo, na ɛtoa so wɔ apuei hɔ kodu Yanoa. 7 Afei esian fi Yanoa kɔ Atarot ne Naara, na ɛkɔfa Yeriko+ kɔ Yordan ano. 8 Ɔhye no fi Tapua+ toa so kɔ atɔe kodu Kana Subon ho, na ɛkɔpem po no ano.+ Eyi ne Efraim abusuakuw no agyapade sɛnea wɔn mmusua te.
-