Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Samuel 28:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Filistifo no boaboaa wɔn ho ano, na wɔkɔsoɛɛ Sunem.+ Enti Saul nso boaboaa Israel nyinaa ano, na wɔkɔsoɛɛ Gilboa.+

  • 1 Samuel 31:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 Ná Filistifo ne Israelfo reko,+ na Israel mmarima guan fii Filistifo no anim, na wɔn mu bebree wuwui wɔ Gilboa+ Bepɔw so.

  • 1 Samuel 31:11, 12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Bere a nnipa a wɔwɔ Yebes-Gilead+ nyinaa tee nea Filistifo de ayɛ Saul no, 12 akofo no nyinaa sɔre nantew anadwo no nyinaa kɔɔ hɔ, na wokoyii Saul amu ne ne mma no nso amu fii Bet-San ɔfasu no ho, na wɔde wɔn baa Yebes bɛhyewee wɔ hɔ.

  • 2 Samuel 1:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Ɛnna aberante no kae sɛ: “Mikopuee Gilboa Bepɔw so,+ na mihui sɛ Saul tweri ne peaw. Ná asraafo a wɔka nteaseɛnam ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so no ato no awie.+

  • 1 Beresosɛm 10:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Ade kyee no, Filistifo no bae sɛ wɔrebeyiyi awufo no ho nneɛma, na wokopuee Saul ne ne mma no so sɛ wɔawuwu gu Gilboa Bepɔw so.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena