-
2 Beresosɛm 1:3-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 Ɛnna Solomon ne asafo a wɔka ne ho nyinaa kɔɔ sorɔnsorɔmmea* a ɛwɔ Gibeon+ no; ɛhɔ na na nokware Nyankopɔn no ahyiae ntamadan a Yehowa akoa Mose yɛe wɔ sare so no wɔ. 4 Nokware Nyankopɔn no Adaka no de, na Dawid akɔfa afi Kiriat-Yearim+ aba faako a Dawid siesie maa no no; ná wasi ntamadan ama no wɔ Yerusalem.+ 5 Kɔbere afɔremuka+ a Hur ba Uri ba Besalel+ yɛe no, na esi Yehowa ntamadan no anim; ɛhɔ na na Solomon ne asafo no bɔ mpae.* 6 Ɛnna Solomon bɔɔ afɔre wɔ hɔ maa Yehowa; ɔde mmoa 1,000 bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ kɔbere afɔremuka+ a ɛwɔ ahyiae ntamadan no mu so.
-