-
1 Ahene 9:20-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Nnipa a wɔaka a wofi Amorifo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ mu a wɔnyɛ Israelfo no,+ 21 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfo antumi ansɛe wɔn no, Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ nkoa de abesi nnɛ.+ 22 Israelfo de, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma wanyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafo, n’asomfo, ne mpanyimfo, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so.
-
-
2 Beresosɛm 8:7-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
7 Nnipa a wɔaka a wofi Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ mu a wɔnyɛ Israelfo no,+ 8 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfo ansɛe wɔn no,+ Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ saa de abesi nnɛ.+ 9 Israelfo de, Solomon amfa obiara anyɛ akoa amma wanyɛ adwuma amma no;+ mmom na wɔyɛ n’asraafo, ne mpanyimfo so akunini, ne wɔn a wɔhwɛ ne nteaseɛnam ne ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so.+
-