-
2 Beresosɛm 8:4-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Tadmor a ɛwɔ sare so ne adekora nkurow+ a ɔkyekyee wɔ Hamat+ no nyinaa nso, osiesie ma ɛyɛɛ den.* 5 Afei nso, osiesiee Atifi Bet-Horon+ ne Anaafo Bet-Horon+ ma ɛyɛɛ den; ɔmaa no afasu, apon, ne mmeamu; 6 na Baalat,+ Solomon adekora nkurow nyinaa, nteaseɛnam nkurow nyinaa,+ nkurow a ɔkyekye maa ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so, ne ɔdan biara a Solomon pɛe sɛ osi wɔ Yerusalem, Lebanon, ne nsaase a odi so nyinaa nso, ɔyɛɛ ho adwuma.
-