-
1 Ahene 9:17-19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Solomon san kyekyee Geser, Anaafo Bet-Horon,*+ 18 Baalat,+ ne Tamar a ɛwɔ sare so wɔ n’asaase so, 19 na Solomon adekora nkurow nyinaa, nteaseɛnam nkurow,+ nkurow a ɔkyekye maa ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so, ne ɔdan biara a Solomon pɛe sɛ osi wɔ Yerusalem, Lebanon, ne nsaase a odi so nyinaa nso, ɔyɛɛ ho adwuma.
-