-
1 Ahene 16:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Ɛnna Yehowa somaa Hanani+ ba Yehu+ ma ɔkɔkaa atemmusɛm yi tiaa Baasa: 2 “Memaa wo so fii mfuturu mu yɛɛ wo ɔpanyin wɔ me man Israel so,+ nanso nea Yeroboam yɛe no, ɛno ara bi na woreyɛ, na woama me man Israel ayɛ bɔne de wɔn bɔne ahyɛ me abufuw.+ 3 Enti merebɛpra Baasa ne ne fi nyinaa atow agu, na mɛyɛ ne fi sɛ Nebat ba Yeroboam+ fi.
-