-
2 Ahene 8:20-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
20 Ne bere so no, Edomfo tew atua tiaa Yuda,+ na wosii wɔn ankasa hene.+ 21 Enti Yehoram kɔɔ Sair, ɔne ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa, na ɔsɔree anadwo kokunkum Edomfo a wɔatwa ɔne nteaseɛnam so asahene no ho ahyia no, na nkurɔfo no guan kokɔɔ wɔn ntamadan mu. 22 Ne nyinaa akyi no, Edom akɔ so atew Yuda so atua abesi nnɛ. Saa bere no ara, Libnafo+ nso tew atua.
-