-
2 Beresosɛm 21:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Ne bere so no, Edomfo tew atua tiaa Yuda,+ na wosii wɔn ankasa hene.+ 9 Enti Yehoram ne n’asahene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa kɔɔ hɔ, na ɔsɔree anadwo kokunkum Edomfo a wɔatwa ɔne nteaseɛnam so asahene no ho ahyia no. 10 Ne nyinaa akyi no, Edom akɔ so atew Yuda so atua abesi nnɛ. Saa bere no ara, Libnafo+ nso tew atua tiaa no, efisɛ na wagyaw n’agyanom Nyankopɔn Yehowa.+
-