-
1 Samuel 31:1-5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
31 Ná Filistifo ne Israelfo reko,+ na Israel mmarima guan fii Filistifo no anim, na wɔn mu bebree wuwui wɔ Gilboa+ Bepɔw so. 2 Filistifo no tuu wɔn ani sii Saul ne ne mma so,* na Filistifo no kum Yonatan,+ Abinadab, ne Malki-Sua a wɔyɛ Saul mma.+ 3 Ɔko no mu yɛɛ den maa Saul, na eduu baabi no, agyantofo no huu no, na wɔtow agyan wɔɔ no piraa no paa.+ 4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Twe wo sekan fa kum me na momonotofo*+ yi ammɛwɔ me sekan anyɛ me aninyanne.”* Nanso ne somfo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa, efisɛ na ehu aka no paa. Enti Saul faa sekan no na ogyaa ne ho kɔwɔɔ so.+ 5 Bere a ne somfo no hui sɛ Saul awu no,+ ɔno nso gyaa ne ho wɔɔ ne sekan so wui.
-