16 Asɔfo ne ɔman yi nyinaa nso, meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Mo adiyifo a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ mo sɛ: “Hwɛ! Ɛrenkyɛ koraa, wɔde Yehowa fi nneɛma no befi Babilon aba!” no, munntie wɔn nsɛm no,+ efisɛ nkɔm a wɔhyɛ kyerɛ mo no nyɛ nokware.+
2 Bere bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde nokware Nyankopɔn no fi* nneɛma no bi nso hyɛɛ ne nsa, na ɔde kɔɔ ne nyame fi* wɔ Sinar* asaase so.+ Ɔde nneɛma no koguu ne nyame adekoradan mu.+
2 Bere a nsã no bow Belsasar no, ɔkae sɛ wɔmfa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a ne papa* Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem asɔrefi hɔ bae no mmra,+ na ɔhene ne n’abirɛmpɔn, ne ne mpenafo,* ne ne yerenom nkumaa no nnom mu.