-
2 Ahene 24:11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Bere a Babilon hene Nebukadnesar nkoa betwaa kurow no ho hyiae no, ɔbaa hɔ.
-
-
Yeremia 28:1-3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
28 Saa afe no ara mu, Yuda hene Sedekia+ ahenni no mfiase, afe a ɛto so anan, bosome a ɛto so anum no, Asor ba odiyifo Hanania a ofi Gibeon+ no ka kyerɛɛ me wɔ asɔfo no ne ɔman no nyinaa anim wɔ Yehowa fi hɔ sɛ: 2 “Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Mebubu Babilon hene kɔndua no mu.+ 3 Akyɛ ara ne mfe* abien, mɛsan de Yehowa fi nneɛma a Babilon hene Nebukadnesar de fi ha kɔɔ Babilon no nyinaa aba ha bio.’”+
-
-
Daniel 1:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
1 Yuda hene Yehoiakim+ ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, Babilon hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛkaa Yerusalemfo hyɛɛ kurow no mu.+ 2 Bere bi akyi no, Yehowa de Yuda hene Yehoiakim hyɛɛ ne nsa,+ na ɔde nokware Nyankopɔn no fi* nneɛma no bi nso hyɛɛ ne nsa, na ɔde kɔɔ ne nyame fi* wɔ Sinar* asaase so.+ Ɔde nneɛma no koguu ne nyame adekoradan mu.+
-