-
Yeremia 27:19-22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 “Efisɛ eyi ne nea Yehowa aka wɔ adum+ ne Ɛpo no*+ ne trɔk a wɔde twe nsu+ ne nneɛma a aka wɔ kurow yi mu no ho, 20 nneɛma a Babilon hene Nebukadnesar gyawee bere a ɔfaa Yehoiakim ba Yekonia a ɔyɛ Yuda hene no ne Yuda ne Yerusalem adehye nyinaa fii Yerusalem kɔe no;+ 21 yiw, nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka afa nneɛma a aka wɔ Yehowa fi ne Yuda hene fi* ne Yerusalem nyinaa ho ni: 22 ‘“Babilon na wɔde bɛkɔ,+ na ɛhɔ na ɛbɛwɔ de akosi da a mɛdan m’ani aba so,” Yehowa asɛm ni. “Afei mɛsan akɔfa na mede aba ha.”’”+
-