7 ɛnde me nso asaase a mede ama Israel no, metu wɔn afi so,+ na ofi a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛtow afi m’anim akyene,+ na wɔde Israel aka asɛm aserew* adi ho fɛw wɔ aman nyinaa mu.+
9 Ɔhyew Yehowa fi+ ne ɔhene fi*+ no ne Yerusalem afi nyinaa dwerɛbee.+ Afei nso, ɔhyew otitiriw biara fi.+10 Na Kaldea asraafo a wɔka awɛmfo so panyin no ho no nyinaa dwiriw Yerusalem afasu a atwa ho ahyia no gui.+