Deuteronomium 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Enti yetwaa yɛn nuanom Esau asefo+ a wɔte Seir no ho, na yetwaa Araba ne Elat ne Esion-Geber+ kwan gyawee. “Afei yɛdan yɛn ho de yɛn ani kyerɛɛ Moab+ sare so kwan no so. 2 Ahene 14:21, 22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria*+ a wadi mfe 16+ no, na wosii no hene ma odii ne papa Amasia ade.+ 22 Ɔno na ɔsan kyekyee Elat+ ma ebedii Yuda nsam bio, bere a Ɔhene Amasia* ne n’agyanom kɔdae no.+ 2 Ahene 16:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Saa bere no ara nso na Siria hene Resin san gyee Elat+ maa Edomfo, na ɔpam Yudafo no fii Elat maa Edomfo no kɔɔ hɔ, na wɔatena hɔ abesi nnɛ.
8 Enti yetwaa yɛn nuanom Esau asefo+ a wɔte Seir no ho, na yetwaa Araba ne Elat ne Esion-Geber+ kwan gyawee. “Afei yɛdan yɛn ho de yɛn ani kyerɛɛ Moab+ sare so kwan no so.
21 Ɛnna Yuda man no nyinaa faa Asaria*+ a wadi mfe 16+ no, na wosii no hene ma odii ne papa Amasia ade.+ 22 Ɔno na ɔsan kyekyee Elat+ ma ebedii Yuda nsam bio, bere a Ɔhene Amasia* ne n’agyanom kɔdae no.+
6 Saa bere no ara nso na Siria hene Resin san gyee Elat+ maa Edomfo, na ɔpam Yudafo no fii Elat maa Edomfo no kɔɔ hɔ, na wɔatena hɔ abesi nnɛ.