-
Nehemia 6:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Wɔka kyerɛɛ Sanbalat, Tobia,+ ne Arabiani+ Gesem ne yɛn atamfo a wɔaka no sɛ masan ato ɔfasu no+ na masisiw ntokuru no nyinaa (nanso ɛde besi saa bere no na minsisii ɛho apon).+ Bere a wɔka kyerɛɛ wɔn no, 2 ntɛm ara na Sanbalat ne Gesem soma bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Bra ma yɛnyɛ nhyehyɛe nhyia wɔ nkuraa no bi ase wɔ Ono Asaasetraa+ no so.” Nanso na wɔrebɔ pɔw adi me bɔne.
-