-
2 Beresosɛm 26:18, 19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Ɛnna wɔka sii Ɔhene Usia anim sɛ: “Usia, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobɛhyew aduhuam ama Yehowa!+ Asɔfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔhyew aduhuam, efisɛ wɔyɛ Aaron asefo,+ na wɔn na wɔayɛ wɔn kronkron. Fi tenabea kronkron ha kɔ, na woafom; eyi remma wunnya anuonyam biara wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.”
19 Nanso Usia bo fuw asɔfo no.+ N’abufuw no ara mu na kwata+ fifii ne moma so wɔ asɔfo no anim. Saa bere no, na okura aduhuamhyew ade no, na na ɔwɔ aduhuam afɔremuka no nkyɛn wɔ Yehowa fi hɔ.
-