Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 2 Ahene 24:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Yuda hene Yehoiakin fii adi kɔɔ Babilon hene nkyɛn,+ ɔne ne maame, n’asomfo, n’adehye, ne n’ahemfi mpanyimfo,+ na Babilon hene ahenni afe a ɛto so awotwe mu no, Babilon hene no kyeree no de no kɔe.+

  • 2 Ahene 24:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Ɔsoaa Yerusalemfo nyinaa, mpanyimfo+ no nyinaa, akatakyi no nyinaa, adwumfo, ne atomfo*+ no nyinaa kɔe; nnipa 10,000. Wɔannyaw obiara, gye asaase no so ahiafo paa no.+

  • 2 Beresosɛm 36:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Enti ɔmaa Kaldeafo hene+ de sekan baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante+ wɔ wɔn tenabea kronkron hɔ,+ na aberante oo, ɔbaabun oo, ɔpanyin oo, nea wagow oo, wanhu obiara mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.+

  • 2 Beresosɛm 36:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Ɔde wɔn a wofi sekan ano kae no kɔɔ Babilon,+ na wɔyɛɛ nkoa maa ɔne ne mma kosii sɛ Persia ahemman benyaa tumi.+

  • Yeremia 39:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Na awɛmfo so panyin Nebusaradan+ faa ɔmanfo a wɔaka wɔ kurow no mu, ne wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa no, ne wɔn a wɔkae nyinaa, na ɔde wɔn kɔɔ Babilon.

  • Yeremia 52:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Na awɛmfo so panyin Nebusaradan faa mmɔborɔwafo a wɔwɔ ɔman no mu no bi, ne ɔmanfo a wɔaka wɔ kurow no mu no, na otuu wɔn ase de wɔn kɔe. Ɔsan faa wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene, ne adwumfo a wɔaka a wonim adwuma yiye no kaa ho.+

  • Yeremia 52:28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 Eyi ne nnipa dodow a Nebukadnesar* tuu wɔn ase de wɔn kɔe: afe a ɛto so ason no mu, Yudafo 3,023.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena