-
Numeri 18:8, 9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Nneɛma a nkurɔfo de brɛ me no, me ara mede hyɛ wo nsa.+ Nneɛma kronkron a Israelfo de brɛ me nyinaa, mede bi ama wo ne wo mma, na ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+ 9 Afɔre kronkron paa a wɔde ogya hyew a ɛbɛyɛ mo kyɛfa ni: Afɔre biara a ɔman no bɛbɔ ama me, te sɛ wɔn aduan afɔre,+ wɔn bɔne ho afɔre,+ ne wɔn afodi afɔre.+ Ɛyɛ ade kronkron paa ma wo ne wo mma.
-