23 Na ɔbɛma osu atɔ agu w’aba a woadua wɔ asaase mu no so,+ na aduan a w’asaase bɛbɔ no bɛdɔɔso na ɛbɛmee wo.*+ Saa da no, wo mmoa benya asaase tɛtrɛɛ adidi so.+
27 Wuram nnua bɛsow aba na asaase abɔ aduan,+ na wɔbɛtena wɔn asaase so dwoodwoo. Sɛ mibubu wɔn kɔndua mu na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn ayɛ nkoa no nsam a, wobehu sɛ mene Yehowa.+