-
Mateo 21:12, 13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Na Yesu kɔɔ asɔrefi hɔ kɔpam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa fii asɔrefi hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apon ne wɔn a wɔtɔn mmuruburuw no nkongua butubutuwii.+ 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fi mpaebɔ fi,’+ nanso mo de, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw.”+
-
-
Marko 11:15-17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Afei wɔbaa Yerusalem. Ɛnna ɔkɔɔ asɔrefi hɔ, na ofii ase pam wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ nyinaa fii asɔrefi hɔ, na ɔkekaa wɔn a wɔsesa sika no apon ne wɔn a wɔtɔn mmuruburuw no nkongua butubutuwii,+ 16 na wamma obiara ansoa ade antwam amfa asɔrefi hɔ. 17 Na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Ɔkae sɛ: “Wɔnkyerɛwee sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fi mpaebɔ fi ama amanaman nyinaa’?+ Nanso mo de, mode ayɛ baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw.”+
-
-
Yohane 2:13-17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Saa bere no, na Yudafo Twam+ no abɛn, na Yesu foro kɔɔ Yerusalem. 14 Na ohui sɛ ebinom tete asɔrefi hɔ a wɔretɔn anantwi ne nguan ne mmuruburuw,+ ɛnna ebinom nso resesa sika. 15 Enti ɔfaa nhama, na ɔde yɛɛ abaa* pam wɔn a wɔde nguan ne anantwi aba asɔrefi hɔ no nyinaa fii hɔ, na ohwiee wɔn a wɔsesa sika no sika gui, na ɔkaa wɔn apon butubutuwii.+ 16 Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtɔn mmuruburuw no sɛ: “Momfa eyinom mfi ha nkɔ! Munnyae sɛ mode m’Agya fi ayɛ aguadi fi!”*+ 17 Ɛnna n’asuafo no kaee sɛ, wɔakyerɛw sɛ: “Wo fi ho mmɔdenbɔ bɛmene me.”+
-