-
Dwom 40:13-17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 O Yehowa, mesrɛ wo, begye me.+
Yɛ ntɛm bɛboa me, O Yehowa.+
Ma wɔn a wɔpɛ me sɛe no
Mfa aniwu nnan wɔn ho nguan.
15 Wɔn a wɔka kyerɛ me sɛ: “Ɔtwea! Ɔtwea!” no,
Ma wɔn ho nnwiriw wɔn na wɔn ani nwu.
Da biara, ma wɔn a wɔn ani gye wo nkwagye nnwuma ho no nka sɛ:
“Monkamfo Yehowa.”+
17 Me de, meyɛ mmɔborɔwa ne ohiani.
Ma Yehowa ntwa n’ani mmɛhwɛ me.
-