Yesaia 47:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 47 Si fam na bɛtena mfuturu mu,O Babilon babea, ɔbaabun.+ Tena fam, baabi a akongua* nni.+O Kaldeafo babea,Efisɛ nkurɔfo renkorɔkorɔ wo, na wɔrennyigye wo so bio da. Yeremia 25:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “‘Na sɛ mfe 70 no ba awiei a,+ mɛma Babilon hene ne saa ɔman no abu wɔn bɔne ho akontaa,’*+ Yehowa asɛm ni, ‘na mɛma Kaldeafo asaase no ada mpan na ayɛ amamfo afebɔɔ.+ Yeremia 50:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Monka wɔ amanaman no mu, na mommɔ no dawuru. Momma ahyɛnsode* so na mommɔ no dawuru. Mommfa hwee nnsie! Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+ Wɔagu Bel anim ase.+ Ehu aka Merodak. Wɔagu n’ahoni anim ase. Ehu aka n’abosom fĩ* no.’
47 Si fam na bɛtena mfuturu mu,O Babilon babea, ɔbaabun.+ Tena fam, baabi a akongua* nni.+O Kaldeafo babea,Efisɛ nkurɔfo renkorɔkorɔ wo, na wɔrennyigye wo so bio da.
12 “‘Na sɛ mfe 70 no ba awiei a,+ mɛma Babilon hene ne saa ɔman no abu wɔn bɔne ho akontaa,’*+ Yehowa asɛm ni, ‘na mɛma Kaldeafo asaase no ada mpan na ayɛ amamfo afebɔɔ.+
2 “Monka wɔ amanaman no mu, na mommɔ no dawuru. Momma ahyɛnsode* so na mommɔ no dawuru. Mommfa hwee nnsie! Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+ Wɔagu Bel anim ase.+ Ehu aka Merodak. Wɔagu n’ahoni anim ase. Ehu aka n’abosom fĩ* no.’