41 “Hwɛ! Ɔman bi fi atifi fam reba.
Wɔbɛma ɔman kɛse bi ne ahemfo akɛse+
Afi akyirikyiri asaase so aba.+
42 Wokurakura agyan ne peaw.+
Wɔn tirim yɛ den, na wɔrenhu obiara mmɔbɔ.+
Wɔn nnyigyei te sɛ ɛpo a ɛrebu fa so,+
Bere a wɔtete wɔn apɔnkɔ so reba no.
Wɔahyehyɛ wɔn ho aka abom sɛ onipa baako ne wo rebɛko, O Babilon babea.+