Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 20:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Ɛnna nokware Nyankopɔn no ka kyerɛɛ no wɔ dae no mu sɛ: “Minim sɛ wo komam fitaa na woyɛɛ saa, enti na masiw wo kwan na woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no.

  • Deuteronomium 17:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Sɛ obi yɛ ahantan na wantie ɔsɔfo a ogyina Yehowa wo Nyankopɔn anim resom anaa ɔtemmufo no a, ɛsɛ sɛ owu;+ yi adebɔne no fi Israel.+

  • 1 Samuel 15:23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 23 na atuatew+ ne abosonkɔm nyinaa yɛ bɔne koro,+ ɛnna ahantan ne asumansɛm* ne abosonsom* nyinaa nso yɛ ade koro. Esiane sɛ woapo Yehowa asɛm nti,+ ɔno nso apo wo sɛ nni hene.”+

  • 2 Samuel 6:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Ɛhɔ ara na Yehowa bo fuw Ussa, na nokware Nyankopɔn no bɔɔ no hwee fam+ sɛ ɔyɛɛ aniammɔnho saa,+ na owui wɔ nokware Nyankopɔn no Adaka no ho.

  • 2 Beresosɛm 26:16-18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so, na ɛde no kɔɔ ɔsɛe mu; wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, efisɛ ɔkɔɔ Yehowa asɔrefi hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.+ 17 Ɛhɔ ara na ɔsɔfo Asaria ne Yehowa asɔfo a wɔka ne ho, mmarima akokodurufo 80, dii n’akyi. 18 Ɛnna wɔka sii Ɔhene Usia anim sɛ: “Usia, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobɛhyew aduhuam ama Yehowa!+ Asɔfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔhyew aduhuam, efisɛ wɔyɛ Aaron asefo,+ na wɔn na wɔayɛ wɔn kronkron. Fi tenabea kronkron ha kɔ, na woafom; eyi remma wunnya anuonyam biara wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena