Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 1:29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ: “Mede afifide a ɛsow aba wɔ asaase so nyinaa ne nnua a ɛsow aba nyinaa ama mo. Ɛnyɛ aduan mma mo.+

  • Genesis 9:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Mmoa a wɔte ase nyinaa, mede ama mo sɛ munni.+ Mede ne nyinaa ama mo sɛnea mede nhaban momono maa mo no.+

  • Dwom 144:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  3 O Yehowa, onipa ne hena a wubu ne ho akontaa?

      Na ɔdasani ne hena a wudwen ne ho?+

  • Mateo 6:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 “Eyi nti mereka akyerɛ mo sɛ: Munnyae sɛ mudwinnwen+ mo nkwa* ho sɛ dɛn na mubedi anaa dɛn na mobɛnom, anaa mo nipadua ho sɛ dɛn na mobɛhyɛ.+ Nkwa* nhia nsen aduan? Na nipadua no nsen ataade anaa?+

  • Mateo 6:30
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 30 Sɛ Onyankopɔn hyɛ wuram afifide a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu ogya mu no ataade a, ɔrenhyɛ mo ataade mmoro so anaa, mo a mo gyidi sua?

  • Yohane 3:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 “Na Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro+ no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe,* na mmom wanya daa nkwa.+

  • Asomafo Nnwuma 14:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Nanso ɔkɔɔ so dii ne ho adanse,*+ efisɛ ɔyɛɛ nneɛma papa. Ɛne sɛ, ɔmaa osu tɔ fii soro maa mo, ɔmaa mo mmere a aduan ba,+ ɔmaa mo aduan di mee, na ɔde anigye hyɛɛ mo koma ma.”+

  • Hebrifo 2:6-8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Na mmom ɔdansefo bi kae wɔ baabi sɛ: “Onipa ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a wudwen ne ho?+ 7 Woma ɔbaa fam kakra sen abɔfo; wode anuonyam ne nidi bɔɔ no abotiri, na wopaw no de wo nsa ano adwuma hyɛɛ ne nsa. 8 Wode nneɛma nyinaa guu ne nan ase.”+ Bere a Onyankopɔn de nneɛma nyinaa hyɛɛ n’ase+ no, wannyaw biribiara a wamfa anhyɛ n’ase.+ Nanso seesei de, yennya nhui sɛ nneɛma nyinaa hyɛ n’ase.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena