Yohane 6:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Na m’Agya apɛde ne sɛ, obiara a ogye Ɔba no tom, na ogye no di no benya daa nkwa,+ na ɛda a edi akyiri no, menyan no.”+ Yohane 20:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Nanso wɔakyerɛw eyinom ato hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no. Na esiane sɛ mugye di nti, monam ne din so anya nkwa.+ Romafo 6:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Efisɛ bɔne akatua ne owu,+ na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa+ a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu+ so. 2 Timoteo 3:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 na wo mmofraase+ na wusuaa nkyerɛwee kronkron no,+ na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.+ 1 Yohane 5:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Merekyerɛw eyinom abrɛ mo a mugye Onyankopɔn Ba no+ din di no, na moahu sɛ mowɔ daa nkwa.+
40 Na m’Agya apɛde ne sɛ, obiara a ogye Ɔba no tom, na ogye no di no benya daa nkwa,+ na ɛda a edi akyiri no, menyan no.”+
31 Nanso wɔakyerɛw eyinom ato hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no. Na esiane sɛ mugye di nti, monam ne din so anya nkwa.+
23 Efisɛ bɔne akatua ne owu,+ na akyɛde a Onyankopɔn de ma ne daa nkwa+ a ɛnam yɛn Awurade Kristo Yesu+ so.
15 na wo mmofraase+ na wusuaa nkyerɛwee kronkron no,+ na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.+