Yeremia 17:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Koma yɛ ɔdaadaafo* sen biribiara, na ne ho yɛ ahometew.*+ Hena na obetumi ahu nea ɛwɔ mu? Marko 7:21-23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na onipa mu, ne koma mu,+ na adwemmɔne fi ba: aguamansɛm,* korɔnbɔ, awudisɛm, 22 awaresɛe, adifudepɛ, amumɔyɛsɛm, nnaadaasɛm, ahohwibra,* anibere, abususɛm, ahantan, ne nkwaseasɛm. 23 Nneɛma bɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na egu ne ho fĩ.” Efesofo 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Enti munnyina hɔ pintinn na momfa nokware nyɛ abɔso* mmɔ mo asen,+ na momfa trenee nyɛ nkatabo,+
21 Na onipa mu, ne koma mu,+ na adwemmɔne fi ba: aguamansɛm,* korɔnbɔ, awudisɛm, 22 awaresɛe, adifudepɛ, amumɔyɛsɛm, nnaadaasɛm, ahohwibra,* anibere, abususɛm, ahantan, ne nkwaseasɛm. 23 Nneɛma bɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na egu ne ho fĩ.”