Mmebusɛm 25:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Sɛnea kurow a wɔabubu n’afasu te no,Saa ara na onipa a ontumi nhyɛ n’abufuw so* te.+ Mmebusɛm 29:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔkwasea yi n’abufuw* nyinaa adi,+Na onyansafo de, ɔyɛ dinn hyɛ ne ho so.+ Ɔsɛnkafo 7:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nyɛ ntɛm mfa abufuw,*+ efisɛ nkwaseafo kokom na abufuw te.*+