12 Hena na onim ade a eye paa sɛ onipa yɛ wɔ ne nkwa nna kakra a mfaso biara nni so no mu, ne nkwa nna a etwam te sɛ sunsuma no?+ Hena na obetumi akyerɛ onipa nea ebesi wɔ wiase wɔ ne kɔ akyi?
13 Afei muntie, mo a moka sɛ: “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow yi so akodi afe wɔ hɔ, na yebedi gua anya mfaso,”+14 nanso munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena.+ Moyɛ suwusiw; epue bere tiaa bi a na ayera.+